Hebrews 7

Ɔkɛseɛ Melkisedek

1Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛna ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔnn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. 2Abraham maa no nʼasade no mu nkyɛm du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Treneehene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase se Asomdwoehene. 3Obi nnim Melkisedek nʼagya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.

4Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a agya Abraham po tumi ma no nʼasade mu nkyɛm du mu baako. 5Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛm du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefo no. 6Melkisedek nyɛ Lewi aseni nanso ogyee nkyɛm du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. 7Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira.

8Asɔfo mu no, nnipa a wowu no na wogye nkyɛm du no, nanso Melkisedek fam de, nea ɔte ase no na ogyee nkyɛm du no sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no.

9Enti nokwarem, Abraham tuaa nkyɛm du no Lewi a nʼasefo gye nkyɛm du no nso nam Abraham so tuae. 10Na wɔnwoo Lewi, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae. 11Ɛnam Lewi asɔfodi so nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfo no yɛɛ wɔn adwuma yiye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi afi Melkisedek abusua mu a omfi Aaron abusua mu.

12Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma mmara no nso sesa.

13Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abuasua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka so da. 14Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.

15Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ, ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. 16Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo. 17Kyerɛwsɛm no ka se, “Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa sɛnea Melkisedek asɔfo kwan nhyehyɛe te no.”

18Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ, na emu yɛ mmerɛw na ɛho nni mfaso nso. 19Na Mose Mmara no nso antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.

20Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Bere a wɔhyɛɛ afoforo bi asɔfo no na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21Yesu nam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa nʼadwene: ‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa.’ ” 22Saa nsonoe yi na ɛma Yesu gyina pintinn ma apam no.

23Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ, na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so.

24Nanso Yesu de, ɔwɔ hɔ daa na nʼasɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no. 25Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn. 26Yesu ne ɔsɔfo panyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔapagyaw no aboro ɔsoro so. 27Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kan no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe. 28Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbae Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.

Copyright information for TwiNAK